Titus 3

Okristoni su

1Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpanyin ne tumi ase na wontie wɔn na wonsiesie wɔn ho mma adepa yɛ. 2Ka kyerɛ wɔn se wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom wonnwo brɛoo na daa wonyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

3Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye horow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn.

4Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no, 5ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom, ɔnam nʼahummɔbɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. 6Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so 7sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, ɔbɛka yɛn ne Onyankopɔn abom na ɛnam so ma yɛanya nkwa a enni awiei a yɛn ani da so no. 8Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na ɛho wɔ mfaso ma nnipa.

9Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfaso biara. 10Obi a ɔde mpaepaemu ba no, bɔ no kɔkɔ na ɛno akyi tew wo ho fi ne ho. 11Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.

12Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔw bere no. 13Bɔ mmɔden gya ɔmmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee. 14Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

15Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo. Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa.

Copyright information for TwiNAK